1 Ahene 2:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Na ɛda a wubefi adi akotwa Kidron subon+ no, hu sɛ owu na wubewu.+ Mogya ho afɔdi begu wo ara w’atifi.”+ Dwom 7:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ɔno ara ti so na ne haw bɛba,+Na ne mpampam na ne basabasayɛ bɛba.+ Mmebusɛm 5:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Ɔbɔnefo de, ɔno ara n’amumɔyɛ na ebeyi no,+ na n’ankasa bɔne nhama na ɛbɛkyekyere no.+ Hesekiel 18:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.+ Ɔba rensoa agya bɔne, na agya rensoa ɔba bɔne.+ Ɔtreneeni trenee bɛba n’ankasa so,+ na ɔbɔnefo nso bɔne bɛba n’ankasa so.+
37 Na ɛda a wubefi adi akotwa Kidron subon+ no, hu sɛ owu na wubewu.+ Mogya ho afɔdi begu wo ara w’atifi.”+
20 Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.+ Ɔba rensoa agya bɔne, na agya rensoa ɔba bɔne.+ Ɔtreneeni trenee bɛba n’ankasa so,+ na ɔbɔnefo nso bɔne bɛba n’ankasa so.+