Deuteronomium 7:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Sɛ woyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afi m’akyi akɔsom anyame foforo;+ na Yehowa abufuw adɛw wɔ mo so na wasɛe mo prɛko pɛ.+ 1 Ahene 7:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Na ne fie a n’ankasa bɛtena mu a ɛwɔ ɔfã nohoa no,+ na ɛmmɛn Abrannaa dan no. Ɔyɛɛ no te sɛ ɛno. Na Solomon san sii ofie a ɛte sɛ Abrannaa dan no maa Farao babea+ a ɔwaree no no. 1 Ahene 9:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Farao babea+ no de, ofii Dawid Kurow+ mu kɔɔ ofie a wasi ama no no mu. Saa bere no na ɔhene kyekyee Milo.+ 1 Ahene 11:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na Ɔhene Solomon dɔɔ mmea ananafo+ pii kaa Farao babea+ no ho: Moabfo,+ Ammonfo,+ Edomfo,+ Sidonfo+ ne Hitifo+ mmea, Esra 10:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛnna ɔsɔfo Esra sɔree, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moato mmara sɛ moakɔwareware ananafo mmea+ ne wɔn abɛtena, na moama Israel asodi ayɛ kɛse.+ Nehemia 13:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Ɛnyɛ nwonwa sɛ moreyɛ saa bɔne akɛse yi nyinaa de ato yɛn Nyankopɔn mmara, sɛ moawareware ananafo mmea yi?”+
4 Sɛ woyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afi m’akyi akɔsom anyame foforo;+ na Yehowa abufuw adɛw wɔ mo so na wasɛe mo prɛko pɛ.+
8 Na ne fie a n’ankasa bɛtena mu a ɛwɔ ɔfã nohoa no,+ na ɛmmɛn Abrannaa dan no. Ɔyɛɛ no te sɛ ɛno. Na Solomon san sii ofie a ɛte sɛ Abrannaa dan no maa Farao babea+ a ɔwaree no no.
24 Farao babea+ no de, ofii Dawid Kurow+ mu kɔɔ ofie a wasi ama no no mu. Saa bere no na ɔhene kyekyee Milo.+
11 Na Ɔhene Solomon dɔɔ mmea ananafo+ pii kaa Farao babea+ no ho: Moabfo,+ Ammonfo,+ Edomfo,+ Sidonfo+ ne Hitifo+ mmea,
10 Ɛnna ɔsɔfo Esra sɔree, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moato mmara sɛ moakɔwareware ananafo mmea+ ne wɔn abɛtena, na moama Israel asodi ayɛ kɛse.+
27 Ɛnyɛ nwonwa sɛ moreyɛ saa bɔne akɛse yi nyinaa de ato yɛn Nyankopɔn mmara, sɛ moawareware ananafo mmea yi?”+