Deuteronomium 6:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na fa wo koma nyinaa+ ne wo kra nyinaa+ ne w’ahoɔden nyinaa+ dɔ Yehowa wo Nyankopɔn. Deuteronomium 10:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Afei Israel, dɛn na Yehowa wo Nyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ+ sɛ wubesuro+ Yehowa wo Nyankopɔn na woanantew n’akwan nyinaa so+ na woadɔ no,+ na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa asom Yehowa wo Nyankopɔn,+ Dwom 145:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Yehowa wɛn wɔn a wɔdɔ no nyinaa,+Na nnebɔneyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn.+ Mateo 22:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’+ 1 Korintofo 8:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na sɛ obi dɔ Onyankopɔn+ a, ɔno nso nim no.+ 1 Yohane 5:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na eyi ne nea Onyankopɔn dɔ+ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so;+ na n’ahyɛde nyɛ den,+
12 “Afei Israel, dɛn na Yehowa wo Nyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ+ sɛ wubesuro+ Yehowa wo Nyankopɔn na woanantew n’akwan nyinaa so+ na woadɔ no,+ na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa asom Yehowa wo Nyankopɔn,+
37 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’+