17 obi a obedi wɔn anim de wɔn akɔ na wadi wɔn anim de wɔn aba, nea ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu,+ na Yehowa asafo no anyɛ sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo.”+
2 Efi tete,+ bere a Saul di yɛn so hene no, wo na wudii Israel anim de wɔn kɔe na wode wɔn bae,+ na Yehowa ka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo na wobɛyɛn+ me man Israel, na wo na wubedi Israel anim.’”+