1 Ahene 4:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Solomon dii ahenni nyinaa so, efi asubɔnten kɛse+ no ho kosi Filistifo asase so ne Egypt hye so. Nkurɔfo de akyɛde brɛɛ Solomon, na wɔsom no ne nkwa nna nyinaa.+ Mmebusɛm 3:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Onyinkyɛ wɔ ne nsa nifa mu;+ na ahonya ne anuonyam nso wɔ ne benkum mu.+ Ɔsɛnkafo 7:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Nyansa a agyapade ka ho ye, na mfaso wɔ so ma wɔn a wɔwɔ owia ase.+
21 Solomon dii ahenni nyinaa so, efi asubɔnten kɛse+ no ho kosi Filistifo asase so ne Egypt hye so. Nkurɔfo de akyɛde brɛɛ Solomon, na wɔsom no ne nkwa nna nyinaa.+