Deuteronomium 25:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Fa nkaribo a ɛteɛ susuw biribiara pɛpɛɛpɛ, na saa ara na nya efa susude a ɛteɛ na ɛyɛ pɛ, na wo nkwa nna aware wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so.+ Dwom 21:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Obisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no,+Womaa no nnasanten, daa daa.+ Dwom 91:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Mɛma wadi nna dodow amee,+Na mama wahu me nkwagye.+ Mmebusɛm 3:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Onyinkyɛ wɔ ne nsa nifa mu;+ na ahonya ne anuonyam nso wɔ ne benkum mu.+
15 Fa nkaribo a ɛteɛ susuw biribiara pɛpɛɛpɛ, na saa ara na nya efa susude a ɛteɛ na ɛyɛ pɛ, na wo nkwa nna aware wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so.+