Genesis 1:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Akra+ a ɛte ase nhyɛ nsu mu mã na ntuboa nso ntu mfa asase so wɔ wim.”+ Hiob 12:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wo de, bisa afieboa, na wɔbɛkyerɛ wo;+Ɛne wim nnomaa, na wɔbɛka akyerɛ wo.+ Mmebusɛm 7:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 kosii sɛ agyan hwirew ne mmerɛbo mu,+ sɛnea anomaa tu mmirika kɔtɔ afiri mu;+ onnim sɛ ne kra na ɔde reto asiane mu.+ Mmebusɛm 30:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 ɔkɔre kwan wɔ wim, ɔwɔ kwan wɔ abotan so, ɛhyɛn kwan wɔ ɛpo so,+ ne ɔbarima kwan wɔ ababaa ho.+
23 kosii sɛ agyan hwirew ne mmerɛbo mu,+ sɛnea anomaa tu mmirika kɔtɔ afiri mu;+ onnim sɛ ne kra na ɔde reto asiane mu.+