7 Ɛnna Solomon yɛɛ Yehowa fie adiwo no mfinimfini hɔ kronkron,+ efisɛ ɛhɔ na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre+ no, na asomdwoe afɔre ho srade no nso, ɛhɔ na ɔhyew no; ná kɔbere afɔremuka+ a Solomon yɛe no sua dodo sɛ ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre+ na wahyew srade+ no wɔ so.