Genesis 13:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Asase a w’ani tua yi nyinaa mede bɛma wo ne w’asefo afebɔɔ.+ Exodus 6:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Mede mo bɛba asase a memaa me nsa so kaa ntam+ sɛ mede bɛma Abraham, Isak, ne Yakob no so; na mede bɛma mo sɛ agyapade.+ Mene Yehowa.’”+ Yosua 21:43 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 43 Enti Yehowa de asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom+ no nyinaa maa Israelfo tenaa so.+
8 Mede mo bɛba asase a memaa me nsa so kaa ntam+ sɛ mede bɛma Abraham, Isak, ne Yakob no so; na mede bɛma mo sɛ agyapade.+ Mene Yehowa.’”+