14 “‘Sɛ ɔhɔho bi te mo mu a, ɔno nso nsiesie twam afɔre no mma Yehowa.+ Ɔnyɛ no sɛnea twam no ho mmara ne ɛho nhyehyɛe te.+ Mmara koro no ara na ɛwɔ hɔ ma ɔhɔho ne kuromanni nyinaa.’”+
15 Ɛnna ɔsan n’akyi kɔɔ nokware Nyankopɔn nipa no nkyɛn,+ ɔne n’asafo a wɔka ne ho nyinaa, na obegyinaa n’anim kae sɛ: “Afei na mahu ampa sɛ Onyankopɔn biara nni asase so baabiara sɛ Israel.+ Enti mesrɛ wo, gye akyɛde+ yi w’akoa nsam.”
32 “Afei ɔhɔho a omfi wo man Israel+ mu mpo, sɛ wo din kɛse ne wo nsa a ɛyɛ den+ ne wo basa a woateɛ mu+ nti ofi akyirikyiri asase so ba,+ na ɔde n’ani kyerɛ ofie yi bɔ mpae+ a,
6 “Na ahɔho a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no+ na wɔadɔ Yehowa din,+ na wɔayɛ n’asomfo, wɔn a wodi homeda a wongu ho fĩ na wokura m’apam mu nyinaa no,+