9 Sɛ mosan+ ba Yehowa nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma benya mmɔborɔhunu,+ wɔn a wɔafa wɔn nnommum no nsam, na wɔbɛma wɔasan aba asase yi so,+ efisɛ Yehowa, mo Nyankopɔn no yɛ ɔdomfo+ ne mmɔborɔhunufo,+ na mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfi mo so.”+
28 Na wayi adɔe+ adi akyerɛ me wɔ ɔhene ne n’agyinatufo,+ ne ɔhene mpanyimfo nyinaa anim. Na me nso, Yehowa me Nyankopɔn, nsa+ a ɛwɔ me so nti, minyaa ahoɔden, na meboaa Israel atitiriw ano sɛ wɔne me nkɔ.
8 ne krataa nso a mede bɛma ɔhene kwae sohwɛfo Asaf, na wama me nnua a mede bɛyɛ ofie+ no Abankɛse apon,+ ne kurow no afasu+ ne ofie a merekɔ mu no ho adwuma.” Enti ɔhene de maa me, me Nyankopɔn papayɛ nsa a ɛwɔ me so nti.+