9 Na Saba+ hemmaa tee Solomon ho asɛm, na ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde aborɔme rebɛsɔ no ahwɛ.+ Ɔreba no, ɔde dɔm kɛse pa ne yoma+ a wɔsosõ balsam ngo+ ne sika+ pii pa ne aboɔden abo+ bae. Ɔde nkakrankakra beduu Solomon nkyɛn, na ɔkaa biribiara a ɛda ne koma so kyerɛɛ ɔhene.+