1 Ahene 4:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ná Yuda ne Israel dɔɔso, wɔn dodow te sɛ mpoano anhwea;+ wodidi nomee, na wodii ahurusi.+ Dwom 33:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa,+Ɔman a wapaw wɔn sɛ n’agyapade.+ Dwom 144:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Anigye ne nnipa a ewie wɔn saa!”Anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!+