20 Na ɛbae sɛ bere a Israelfo nyinaa tee sɛ Yeroboam asan aba no, ntɛm ara na wɔsoma kɔfrɛɛ no baa asafo no anim, na wosii no Israel nyinaa so hene.+ Obiara anni Dawid fie akyi bio, gye Yuda abusuakuw no nko.+
11Bere a Rehoboam beduu Yerusalem+ no, ntɛm ara na ɔboaboaa Yuda ne Benyamin+ fie nnɔmmarima a wɔapaw wɔn, mpem ɔha aduɔwɔtwe,+ ano sɛ wɔne Israel rekɔko na wɔasan adan ahenni no ama Rehoboam.