5 Nea Yehowa aka ni: “Dɛn na mo agyanom ahu wɔ me ho a ɛnteɛ,+ a enti wɔatwe wɔn ho afi me ho koraa saa,+ na wɔakodi abosonhuhuw+ akyi ama wɔn nso adan ahuhufo yi?+
21 efisɛ wonim Onyankopɔn de, nanso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase+ nso, mmom no, wosusuw nsɛnhuhuw+ ho, na wɔn koma a asen no duruu sum.+