23 Nanso apam+ a Yehowa ne Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ yɛe no nti, ɔdom wɔn+ huu wɔn mmɔbɔ,+ na otwaa n’ani hwɛɛ wɔn na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn;+ wantow wɔn amfi n’anim ankyene besi nnɛ.
27 Na Yehowa kae sɛ: “Yuda+ nso mɛtow no afi m’anim akyene+ sɛnea metow Israel kyenee+ no; mɛtow kurow a mapaw yi, Yerusalem ne ofie yi akyene, ofie a mekae sɛ, ‘Me din bɛtena hɔ’+ no.”