13 Ofie somfo biara nni hɔ a obetumi asom awuranom baanu; efisɛ, gye sɛ ɔtan obiako na ɔdɔ obiako, anaasɛ ɔbata obiako ho na obu obiako no animtiaa. Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.”+
16 Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ?+ Na yɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asɔrefie,+ sɛnea Onyankopɔn kae no sɛ: “Mɛtena wɔn mu,+ na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.”+