16 “Ɔkyena saa bere yi mɛsoma ɔbarima bi a ofi Benyamin+ asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo+ na fa no si me man Israel so panyin; ɔno na obegye me man afi Filistifo nsam,+ efisɛ mahu me man amanehunu, na wɔn sufrɛ abedu me nkyɛn.”+
2 Efi tete,+ bere a Saul di yɛn so hene no, wo na wudii Israel anim de wɔn kɔe na wode wɔn bae,+ na Yehowa ka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo na wobɛyɛn+ me man Israel, na wo na wubedi Israel anim.’”+