21 Enti Ɔhene Sedekia hyɛe ma wɔde Yeremia too afiase wɔ Awɛmfo Aban+ mu. Na wɔmaa no paanoo a efi paanootofo borɔn+ so daa kosii sɛ kurow no mu paanoo nyinaa sae.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfo Aban+ mu hɔ.
2 “Nea Yehowa aka ni, ‘Onipa a ɔbɛtena kurow yi mu no, ɔno na nkrante+ ne ɔkɔm+ ne owuyare+ bekum no. Na nea obefi adi akɔ Kaldeafo no nkyɛn de, obenya nkwa; obenya ne kra sɛ asade na watena nkwa mu.’+
12 Na owuyare bekunkum wo+ mu nkyem abiɛsa mu biako na ɔkɔm ahyew wɔn ase.+ Nkyem abiɛsa mu biako nso bɛtotɔ nkrante ano atwa wo ho ahyia. Na biako a aka no nso mɛpete wɔn ama mframa+ na matwe nkrante adi wɔn akyi.+
21 “Enti nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Ɛnde hwɛ nea ebesi bere a mede m’atemmude huhuuhu anan yi+—nkrante ne ɔkɔm ne mmoa bɔne ne owuyare+—aba Yerusalem so na matwa onipa ne aboa biara afi so no.+