11Afei ɔman no fii ase nwiinwii tiaa Yehowa+ te sɛ nnipa a asɛm bi ato wɔn. Bere a Yehowa tee no ne bo fuw yiye, na Yehowa gya pae guu wɔn so bɛhyew nnipa bi a na wɔwɔ nsraban no ahye so.+
7 Saa ara na Sodom ne Gomora ne nkurow a atwa ho ahyia+ nso yɛe sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wokodii ɔhonam akyi a ɛnyɛ ne kwan so,+ na wɔde daa ogya twee wɔn aso+ na ɔde ayɛ sɛnnahɔ+ ama yɛn.