12 Saa bere no nyinaa na Elisa rehwɛ nea ɛrekɔ so, na ɔteɛɛm sɛ: “Me papa, me papa,+ Israel ɔko teaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo!”+ Na wanhu no bio. Ɛnna osoo n’ankasa atade mu na osuan mu abien.+
13 Nanso ne nkoa twiw bɛn no ne no kɔkasae sɛ: “Papa,+ sɛ ade kɛse bi na odiyifo no ka kyerɛɛ wo a, anka worenyɛ anaa? Enti sɛ waka sɛ ‘Guare na wo ho ntew’ a, ɛno na worenyɛ?”
14 Elisa+ yaree ɔyare a ɛde no bɛkɔ owu mu.+ Enti Israel hene Yehoas siim kɔɔ ne nkyɛn kosui n’anim, na ɔkae sɛ: “Me papa,+ me papa, Israel ɔko teaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo!”+