2 Ɛhɔ ara na okunini a ɔhene tweri+ ne nsa so no bisaa nokware Nyankopɔn nipa no sɛ: “Sɛ Yehowa rebue ɔsoro mfɛnsere+ mpo a, anka asɛm yi betumi aba mu?”+ Na ɔno nso kae sɛ: “Wode w’aniwa na ebehu,+ nanso ebi renka w’ano.”+
16 Nanso wɔkɔɔ so goruu+ nokware Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtiaa,+ na wodii n’adiyifo no ho fɛw+ kosii sɛ Yehowa abufuw+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+
24 Na sɛnea ogya di buronan+ na ogyaframa mene sare a awo no, saa ara na wɔn ntini bɛporɔw abɔn+ na wɔn nhwiren ahuw akɔ sɛ mfutuma, efisɛ wɔapo asafo Yehowa mmara,+ na wɔmfa Israel Kronkronni no asɛm nyɛ hwee.+
2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som,+ na ɔyɛ ɔweredifo; Yehowa tua bɔne so ka+ na abufuw ahyɛ no mã.+ Yehowa tua wɔn a wɔne no di asi ka na n’ani sã n’atamfo.+