2 Ɛnna Yesebel tuu ɔbɔfo kɔka kyerɛɛ Elia sɛ: “Sɛ ebedu ɔkyena sesɛɛ na memmaa wo kra nyɛɛ sɛ wɔn mu biako kra a, anyame no ntua me ka+ na wɔmfa bi nka ho!”+
15 Bere a Yesebel tee sɛ wɔasiw Nabot abo ma wawu no, ɛhɔ ara na Yesebel ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot bobeturo+ a wamfa amma wo annye sika no, na Nabot nte nkwa mu bio, wawu.”