15 Bere a Yesebel tee sɛ wɔasiw Nabot abo ma wawu no, ɛhɔ ara na Yesebel ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot bobeturo+ a wamfa amma wo annye sika no, na Nabot nte nkwa mu bio, wawu.”
19 Kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Woakum+ obi asan afa n’ade?”’+ San ka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni, “Faako+ a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ ara na akraman bɛtaforo wo nso wo mogya.”’”+