1 Ahene 19:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Enti ofii hɔ kɔe, na okohuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefɛntɛm asase,+ na anantwi mpamho dumien di n’anim, na ɔne nea ɛto so dumien no na ɛnam. Ɛnna Elia kɔɔ ne nkyɛn de n’atade+ koguu ne so. 2 Ahene 1:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɛnna wobuaa no sɛ: “Ɔyɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a wɔde aboa nhwi ayɛ,+ na ɔde aboa nhoma abɔso abɔ n’asen.”+ Ɛhɔ ara na ɔkae sɛ: “Ɛyɛ Tisbini Elia.” Sakaria 13:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 “Saa da no, adiyifo no ani bewu+ wɔn anisoadehu ne wɔn nkɔmhyɛ ho. Na wɔrenhyɛ nhwi+ atade mfa nnaadaa nnipa bio. Mateo 3:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Nanso na Yohane yi hyɛ atade a wɔde yoma nhwi+ ayɛ na aboa nhoma abɔso+ bɔ n’asen; n’aduan nso yɛ mmoadabi+ ne wuram ɛwo.+
19 Enti ofii hɔ kɔe, na okohuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefɛntɛm asase,+ na anantwi mpamho dumien di n’anim, na ɔne nea ɛto so dumien no na ɛnam. Ɛnna Elia kɔɔ ne nkyɛn de n’atade+ koguu ne so.
8 Ɛnna wobuaa no sɛ: “Ɔyɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a wɔde aboa nhwi ayɛ,+ na ɔde aboa nhoma abɔso abɔ n’asen.”+ Ɛhɔ ara na ɔkae sɛ: “Ɛyɛ Tisbini Elia.”
4 “Saa da no, adiyifo no ani bewu+ wɔn anisoadehu ne wɔn nkɔmhyɛ ho. Na wɔrenhyɛ nhwi+ atade mfa nnaadaa nnipa bio.
4 Nanso na Yohane yi hyɛ atade a wɔde yoma nhwi+ ayɛ na aboa nhoma abɔso+ bɔ n’asen; n’aduan nso yɛ mmoadabi+ ne wuram ɛwo.+