2 Beresosɛm 24:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti ɔboaboaa asɔfo+ ne Lewifo no ano na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ Yuda nkurow mu nkogyigye sika wɔ Israel nyinaa mfa nsiesie+ mo Nyankopɔn fie no afe afe;+ munni asɛm yi ho dwuma ntɛm.” Nanso Lewifo no anyɛ no ntɛm.+ Romafo 12:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Monnyɛ mo adwuma anihaw so.+ Monyɛ hyew honhom mu.+ Monsom Yehowa.+ Kolosefo 3:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Biribiara a moreyɛ no, mumfi ɔkra nyinaa mu nyɛ+ no sɛ moyɛ ma Yehowa+ na ɛnyɛ nnipa,
5 Enti ɔboaboaa asɔfo+ ne Lewifo no ano na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ Yuda nkurow mu nkogyigye sika wɔ Israel nyinaa mfa nsiesie+ mo Nyankopɔn fie no afe afe;+ munni asɛm yi ho dwuma ntɛm.” Nanso Lewifo no anyɛ no ntɛm.+