25 Afei Yehowa sian bae wɔ omununkum+ mu ne no bɛkasae,+ na oyii honhom+ a ɛwɔ no so no bi maa mpanyimfo aduɔson no mu biara. Na bere a honhom no baa wɔn so no, wofii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo; nanso wɔanyɛ biribi a ɛte saa bio.+
9 Bere a wotwae no ara pɛ na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Ka nea menyɛ mma wo ansa na wɔafa me afi wo nkyɛn.”+ Na Elisa kae sɛ: “Mesrɛ wo, mepɛ sɛ minya+ wo honhom+ no abupɛn abien.”+