2 Ahene 15:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Remalia ba, Israel hene Peka afe a ɛto so abien mu na Yuda hene Usia+ ba Yotam+ bedii hene. 1 Beresosɛm 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 ɔno nso woo Amasia,+ na ɔno nso woo Asaria,+ na ɔno nso woo Yotam;+ 2 Beresosɛm 26:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na Ɔhene Usia+ yaree kwata kosii ne wuda; ɔkɔtenaa ofie bi mu, na wanyɛ adwuma bio, ne kwata+ no nti; wosiw no Yehowa fie kɔ kwan, na ne ba Yotam na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔno na obuu ɔman no mu nnipa atɛn.
21 Na Ɔhene Usia+ yaree kwata kosii ne wuda; ɔkɔtenaa ofie bi mu, na wanyɛ adwuma bio, ne kwata+ no nti; wosiw no Yehowa fie kɔ kwan, na ne ba Yotam na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔno na obuu ɔman no mu nnipa atɛn.