28 Enti ɔhene tuu agyina,+ na ɔyɛɛ sika anantwi mma+ abien, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Ɛyɛ den dodo sɛ mobɛkɔ Yerusalem. Israelfo, mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt asase so+ no ni.”+
33 Asɛm yi akyi no, Yeroboam ansan amfi ne kwammɔne ho, na mmom ɔsan de ɔmanfo no biara kɛkɛ yeyɛɛ asɔfo+ maa sorɔnsorɔmmea no. Obiara a n’ani gye ho no, ɔmaa no tumi,+ na ɔkae sɛ: “Ma ɔno nso nyɛ sorɔnsorɔmmea sɔfo.”