1 Ahene 7:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Na ɔyeyɛɛ kɔbere asɛn+ du. Bat susuhina aduanan na emu biara betumi afa. Ɔsɛn biara yɛ basafa anan. Nsutwe adaka du no biara, ɔsɛn biako si so. 2 Beresosɛm 4:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Afei nso ɔyeyɛɛ asɛn du. Ɔde anum sisii nifa so, na ɔde anum nso sisii benkum so+ sɛ wɔmfa nhohoro+ ɔhyew afɔrebɔde+ ho. Ɛpo no de, ɛwɔ hɔ ma asɔfo no sɛ wɔmfa nhohoro wɔn ho.+ Yeremia 52:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na adum+ abien no, ɛpo+ biako no, kɔbere anantwi dumien+ a ɛpo no si wɔn akyi no, ne nsutwe nnaka no, Ɔhene Solomon na ɔyeyɛe wɔ Yehowa fie+ hɔ. Nneɛma yi nyinaa ho kɔbere de, wɔankari anhu ne dodow.+
38 Na ɔyeyɛɛ kɔbere asɛn+ du. Bat susuhina aduanan na emu biara betumi afa. Ɔsɛn biara yɛ basafa anan. Nsutwe adaka du no biara, ɔsɛn biako si so.
6 Afei nso ɔyeyɛɛ asɛn du. Ɔde anum sisii nifa so, na ɔde anum nso sisii benkum so+ sɛ wɔmfa nhohoro+ ɔhyew afɔrebɔde+ ho. Ɛpo no de, ɛwɔ hɔ ma asɔfo no sɛ wɔmfa nhohoro wɔn ho.+
20 Na adum+ abien no, ɛpo+ biako no, kɔbere anantwi dumien+ a ɛpo no si wɔn akyi no, ne nsutwe nnaka no, Ɔhene Solomon na ɔyeyɛe wɔ Yehowa fie+ hɔ. Nneɛma yi nyinaa ho kɔbere de, wɔankari anhu ne dodow.+