Dwom 105:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Momfa ne din kronkron no nhoahoa mo ho.+Momma wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no koma nni ahurusi.+ Yesaia 45:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Yehowa mu na Israel asefo+ nyinaa bedi bem+ na wɔahoahoa wɔn ho.’”+ Yeremia 9:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 “Nea ɔhoahoa ne ho no, sɛ ɔwɔ me ho nhumu+ ne nimdeɛ, sɛ mene Yehowa,+ Nea ɔyɛ adɔe na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so no a,+ ɛno mmom na ɔmfa nhoahoa ne ho, efisɛ eyi na ɛsɔ m’ani,”+ Yehowa asɛm ni. 2 Korintofo 10:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “Na nea ɔhoahoa ne ho no, ma ɔnhoahoa ne ho Yehowa mu.”+
24 “Nea ɔhoahoa ne ho no, sɛ ɔwɔ me ho nhumu+ ne nimdeɛ, sɛ mene Yehowa,+ Nea ɔyɛ adɔe na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so no a,+ ɛno mmom na ɔmfa nhoahoa ne ho, efisɛ eyi na ɛsɔ m’ani,”+ Yehowa asɛm ni.