2 Samuel 7:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Wo na wubesi ofie ama matena mu anaa?+ 1 Ahene 8:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Na mmom ofie no de, ɛnyɛ wo na wubesi; wo ba a obefi w’asen mu aba na obesi ofie no ama me din.’+ 1 Beresosɛm 22:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nanso nea Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Mogya pii na woahwie agu,+ na woadi ako bebree.+ Ɛnyɛ wo na wubesi ofie ama me din+ efisɛ woahwie mogya pii agu m’anim wɔ asase so.
8 Nanso nea Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Mogya pii na woahwie agu,+ na woadi ako bebree.+ Ɛnyɛ wo na wubesi ofie ama me din+ efisɛ woahwie mogya pii agu m’anim wɔ asase so.