1 Samuel 16:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Enti ɔsoma kɔfaa no bae. Ná ɔbere,+ na ɔyɛ aberante a n’aniwa yɛ fɛ na ne ho nso yɛ fɛ. Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Sɔre sra no, na ɔno ara ni!”+ 1 Samuel 17:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ná Dawid fi Saul nkyɛn san kɔhwɛ ne papa nguan+ wɔ Betlehem. Dwom 78:70 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 70 Ɛnna ɔpaw n’akoa Dawid,+Na ɔfaa no fii nguannan mu.+
12 Enti ɔsoma kɔfaa no bae. Ná ɔbere,+ na ɔyɛ aberante a n’aniwa yɛ fɛ na ne ho nso yɛ fɛ. Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Sɔre sra no, na ɔno ara ni!”+