21 Na sɛ faako a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bedua+ no ware ma wo a, ɛnde bere biara a wo kra kɔn dɔ nam no, wubetumi akum anantwi anaa nguan a Yehowa de ama wo no bi awe wɔ wo kurom, sɛnea meka kyerɛɛ wo no.+
3 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ+ ne wo nkotɔsrɛ a wode baa m’anim bɛsrɛɛ me no. Mayɛ ofie a woasi yi kronkron+ de me din ato so+ kosi daa; m’aniwa+ ne me koma bɛtena hɔ daa.+