51 Wowiee+ Yehowa fie adwuma a Solomon yɛe no nyinaa, na Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no bae;+ ɔde sika ne dwetɛ ne anwenne no nyinaa beguu Yehowa fie adekora adan no mu.+
11 Dawid hyiraa+ eyinom nyinaa so maa Yehowa, sɛnea ohyiraa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ogye fii amanaman+ no nyinaa nkyɛn so no, nea ogye fii Edom ne Moab+ ne Ammon+ asefo ne Filistifo+ ne Amalekfo+ nsam no.