15 Enti miyii wɔn a wɔdeda mo mmusua ano, mmarima anyansafo a wɔwɔ suahu, yɛɛ wɔn mpanyimfo de wɔn tuatuaa nnipa apem biara ano, ɔha biara ano, aduonum biara ano, ne du biara ano, na mepaw mo mmusua so atitiriw.+
27Israel mma a wɔba bɛsom kɔ ɔsram biara wɔ afe biara mu asram nyinaa mu no, na kuw biara mu nnipa yɛ mpem aduonu anan. Wɔyɛ agyanom+ abusuafie mpanyimfo ne apem apem ne ɔha ha+ so ahwɛfo,+ ne wɔn mpanyimfo a wɔsom+ ɔhene wɔ akuw no ho nsɛm nyinaa mu.