16Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wubedi Saul ho awerɛhow akosi da bɛn,+ bere a mapo no sɛ onnni Israel so hene no?+ Fa ngo+ gu w’abɛn mu na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mapaw ɔhene.”+
2 “Na wo, Betlehem Efrata,+ wo a wusua koraa sɛ wɔbɛkan wo afra Yuda mpempem mu,+ wo mu+ na mɛma obi afi abɛyɛ Israel sodifo.+ Ɔno na n’ase fi tete a enni ano.+