10 Na afe biara, Aaron de aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho mpata afɔre no mogya bɛsosɔ mmɛn no so de atew afɔremuka no ho.+ Ɔbɛyɛ saa pɛnkoro afe biara de apata ama afɔremuka no, mo awo ntoatoaso nyinaa mu, efisɛ ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron ma Yehowa.”
24 Ɛnna asɔfo no kunkum wɔn na wɔde wɔn mogya no bɔɔ bɔne afɔre wɔ afɔremuka no so de pata maa Israel+ nyinaa, efisɛ Israel+ nyinaa na ɔhene kae sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre no mma wɔn.+