6 Ɛnna Dawid bisaa Hitini+ Ahimelek ne Seruia+ ba Abisai,+ Yoab nua no sɛ: “Hena na obesian ne me akɔ Saul nkyɛn nsra no mu?” Na Abisai kae sɛ: “Me na me ne wo bɛkɔ.”+
2 Afei Dawid kyɛɛ nnipa no mu akuw abiɛsa+ de biako hyɛɛ Yoab+ nsa, na ɔde biako hyɛɛ Seruia ba Abisai,+ Yoab nua+ no nsa, na ɔde biako nso hyɛɛ Gatni Itai+ nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Me nso mefi adi ne mo akɔ.”