17 Filistifo no tee sɛ wɔasra Dawid asi no hene wɔ Israel so.+ Enti Filistifo no nyinaa bɛhwehwɛɛ Dawid. Bere a Dawid tee no, ɔkɔɔ beae a ɛhɔ kɔ yɛ den.+
3 Enti Israel mpanyimfo nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Dawid ne wɔn yɛɛ apam Yehowa anim wɔ Hebron, na wɔsraa+ Dawid de no sii Israel so hene sɛnea Yehowa asɛm+ a ɔnam Samuel so kae no te.+