Dwom 34:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yehowa bɔfo bɔ wɔn a wosuro no nyinaa ho nsra,+Na ogye wɔn.+ Dwom 46:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden,+Ahohia mu boafo a ɔwɔ hɔ daa.+ Dwom 94:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Sɛ Yehowa ammoa me a,+Anka me kra reyɛ akɔ kommyɛ mu.+