11 O Yehowa, wo na kɛseyɛ+ ne tumi+ ne hyerɛn+ ne anuonyam+ ne nidi+ wɔ wo; na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa yɛ wo dea.+ O Yehowa, wo na ahenni+ wɔ wo, na wo nso na wokorɔn sen ade nyinaa.+
17 Awɛmfo+ ahyɛde so na asɛm yi ba, na akronkronfo asɛm so na atemmu yi gyina na ama ateasefo ahu sɛ Ɔsorosoroni no na odi adesamma ahenni so tumi,+ na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no,+ na nnipa mu akumaa koraa na ɔde no si so.”+