Deuteronomium 31:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Yehowa di w’anim. Ɔka wo ho,+ ɔrempo wo, na ɔrennyaw wo. Enti nsuro na mmɔ hu.”+ Yosua 10:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro na mommmɔ hu.+ Momma mo bo nyɛ duru na mo ho nyɛ den, na sɛɛ na Yehowa bɛyɛ mo atamfo a mo ne wɔn redi ako nyinaa.”+
25 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro na mommmɔ hu.+ Momma mo bo nyɛ duru na mo ho nyɛ den, na sɛɛ na Yehowa bɛyɛ mo atamfo a mo ne wɔn redi ako nyinaa.”+