9 Ahwɛyiye ara na monyɛ na moantew atua antia Yehowa.+ Munnsuro nnipa a wɔte asase no so+ no, na wɔyɛ koko ma yɛn. Wɔn nkataso afi wɔn so,+ na yɛn de Yehowa ka yɛn ho.+ Munnsuro wɔn.”+
2 Ɛnna ofii adi kɔɔ Asa anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asa, wo ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me ɛ! Yehowa de, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena;+ sɛ mohwehwɛ+ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo.+