2 Na Ahasia fii ne dan a ɛwɔ Samaria no atifi+ tokuru mu bɛhwee fam,+ na ɛbɔɔ no yare. Enti ɔsomaa abɔfo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkobisa+ Ekron+ nyame Baal-Sebub+ mma me sɛ mefi ɔyare yi mu afi anaa.”+
16 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘So Onyankopɔn bi nni Israel a wubetumi abisa no hɔ ade nti na woasoma abɔfo+ sɛ wɔnkɔ Ekron+ nyame Baal-Sebub hɔ abisa yi? Eyi nti mpa a woaforo no, worensi mfi so, efisɛ owu na wubewu.’”
2 Ɛnna ɔdehufo+ Hanani+ ba Yehu+ baa Ɔhene Yehosafat anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nnebɔneyɛfo na woboa wɔn,+ na wɔn a wɔtan+ Yehowa na ɛsɛ sɛ wodɔ+ wɔn anaa? Nea woayɛ yi nti, Yehowa abufuw+ wɔ wo so.