6 Na ɔtoaa so sɛ: “Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn.”+ Afei Mose de n’anim hintawee, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛhwɛ nokware Nyankopɔn no.
33 Nea enti a mereyɛ saa ne sɛ, wɔagyaw me+ akɔkotow Sidonfo nyamewa Astoret+ ne Moabfo nyame Kemos+ ne Ammonfo nyame Milkom;+ wɔannantew m’akwan so anyɛ nea ɛteɛ m’ani so, na wɔanni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so sɛ ne papa Dawid.
2 Ɛnna ofii adi kɔɔ Asa anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asa, wo ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me ɛ! Yehowa de, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena;+ sɛ mohwehwɛ+ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo.+