14 Ɔhwɛe no, ohui sɛ ɔhene no gyina edum no ho+ sɛnea amanne te, na mpanyimfo ne ntorobɛnto+ wɔ ɔhene no nkyɛn, na ɔman no mu nnipa nyinaa redi ahurusi+ na wɔrehyɛn ntorobɛnto. Ɛhɔ ara na Atalia+ suan n’atade mu na ɔteɛɛm sɛ: “Atirisopam! Atirisopam!”+