12 “Bere biara a wobɛkan Israelfo de ahu wɔn dodow+ no, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua biribi ma Yehowa de pata ma ne kra+ na asiane biara anto wɔn bere a worekan wɔn no.+
13 Obiara a wɔbɛkan no biara betua dwetɛbona fã, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ.+ Dwetɛbona biara yɛ gerah aduonu. Dwetɛbona fã yi ne ntoboa a wobeyi ama Yehowa.+
16 Na gyigye dwetɛ mpata sika no fi Israelfo no hɔ na fa ma ahyiae ntamadan no ho som,+ na ɛnyɛ nkae wɔ Yehowa anim mma Israelfo, na wɔmfa mpata mma mo kra.”