7 Enti ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: “Momma yɛnkyekye nkurow yi na yɛnto afasu+ ne aban+ wɔ ho nhyia, na yɛnyɛ aponkɛse ne mmeamu.+ Asase no da hɔ ma yɛn, efisɛ yɛahwehwɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn.+ Yɛahwehwɛ no nti, wama yɛanya ɔhome afã nyinaa ahyia.”+ Ɛnna wɔkyekyee, na esii wɔn yiye.+