17 Ná ɔwɛmfo+ gyina Yesreel+ aban+ no so, na ohui sɛ Yehu ne ne dɔm reba ahoɔden so. Ɛhɔ ara na ɔkae sɛ: “Mihu nnipadɔm bi sɛ wɔreba ahoɔden so.” Ɛnna Yehoram kae sɛ: “Soma ɔpɔnkɔsotefo ma onkohyia wɔn na ommisa sɛ, ‘Asomdwoe mu anaa?’”+
10 Afei nso ɔtotoo abantenten+ sare so, na otutuu mmura pii (efisɛ na ɔwɔ nyɛmmoa bebree pa), na ɔyeyɛɛ bi nso wɔ Sefela+ ne asase tratraa so. Ná ɔwɔ akuafo ne bobeturo so ahwɛfo wɔ mmepɔw so ne Karmel, efisɛ na ɔpɛ kuadwuma.